Mark 10

Awaregyae ho asɛmmisa

1Afei, Yesu fii Galilea twa baa Yudea fam nohɔ wɔ asubɔnten Yordan agya. Na sɛnea ɛtaa ba no, nnipakuw baa ne nkyɛn ma ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn.

2Farisifo bi baa ne nkyɛn bebisaa no se, “Wopene awaregyae so anaa?” Wobisaa no eyi de sɔɔ no hwɛe.

3Yesu nso bisaa wɔn se, “Dɛn na Mose ka faa awaregyae ho?”

4Wobuae se, “Mose kae se eye sɛ wogyae aware. Nʼasɛm a ɔkae ne sɛ, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ogyaa ne yere aware a, ɔnkyerɛw awaregyae krataa mfa mma ne yere no.”

5Yesu bisaa wɔn se, “Adɛn nti na ɔkaa saa? Merebɛkyerɛ mo nea enti a ɔkaa saa. Esiane mo koma a apirim no nti na ɔkaa saa kyerɛɛ mo. 6Nanso, eyi mfi Onyankopɔn. Efi adebɔ mfitiase na Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea kaa wɔn bɔɔ mu. 7Eyi nti na ɔbarima begyaw nʼagya ne ne na, 8na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no ayɛ honam koro. 9Na nea Onyankopɔn aka abom no, ɛnsɛ sɛ onipa tetew mu.”

10Akyiri yi a ɔne nʼasuafo no wɔ fie no, asuafo no bisaa no saa asɛm koro no ara bio.

11Obuaa wɔn se, “Sɛ obi gyaa ne yere na ɔsan ware obi foforo a, na wabɔ aguaman. 12Na sɛ ɔyere gyaa ne kunu aware, na ɔsan ware a, ɔno nso abɔ aguaman saa ara.”

Yesu hyira mmofra nkumaa

13Da bi, awofo bi de mmofra nkumaa brɛɛ Yesu sɛ onhyira wɔn, nanso nʼasuafo no pampam wɔn a wɔde mmofra no bae no, ka kyerɛɛ wɔn se, wɔnnhaw no.

14Yesu huu nea nʼasuafo no ayɛ no, anyɛ no dɛ ma ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Momma mmofra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan, na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn Ahenni no yɛ wɔn dea. 15Mereka akyerɛ mo se, obiara a ɔrennye Onyankopɔn Ahenni no sɛ abofra no, rentumi nkɔ mu.”

16Na ɔyɛɛ wɔn atuu, de ne nsa guu wɔn so, hyiraa wɔn.

Aberante sikani no

17Na osiim sɛ ɔrekɔ baabi foforo no, ɔbarima bi tutuu mmirika baa ne nkyɛn bebuu no nkotodwe, bisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo pa, dɛn na menyɛ na manya nkwa a enni awiei?”

18Yesu bisaa no se, “Adɛn na wofrɛ me onipa pa? Obiara nyɛ onipa pa gye ɔbaako; ɔne Onyankopɔn. 19Ɛfa wʼasemmisa no ho nso, wunim mmaransɛm no: Nni awu, nsɛe aware, mmɔ korɔn, nni atoro, nsisi, di wʼagya ne wo na ni.”

20Aberante no ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, eyinom nyinaa mifi me mmofraase na midii so.”

21Yesu hwɛɛ aberante yi dinn nyaa ɔdɔ bi maa no. Ɔka kyerɛɛ no se, “Aka wo ade baako. Kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika no ma ahiafo, na wubenya agyapade wɔ soro, na bra bedi mʼakyi.”

22Aberante no tee saa asɛm yi no, nʼanim sesae, na ɔde awerɛhow kɔe, efisɛ, na ɔwɔ ahonyade bebree.

23Ɔrekɔ no, Yesu hwɛɛ no, na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Ɛyɛ den ma osikani sɛ ɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahenni no mu!”

24Asɛm a Yesu kae no maa asuafo no ho dwiriw wɔn. Yesu san kaa bio se, “Mma, sɛ moahu den a ɛyɛ ma wɔn a wɔwɔ ahonyade sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu? 25Na ɛyɛ mmerɛw sɛ nantwi bɛfa paane tokuru me sen sɛ osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu.”

26Asuafo no ho dwiriw wɔn mmoro so na wobisaa no se, “Ɛnne na hena na wobegye no nkwa?”

27Yesu hwɛɛ wɔn dinn kae se, “Onipa fam de, eyi rentumi mma mu, na Onyankopɔn fam de, biribiara betumi aba mu.”

Yesu akyidi mu akatua

28Afei, Petro fitii ase kenkan nneɛma a ɔne asuafo no agyaw abedi Yesu akyi no. Ɔkae se, “Yɛagyaw biribiara abedi wʼakyi.”

29Yesu nso buaa no se, “Merema mo ate ase sɛ, obi nni hɔ a, me nti wagyaw ofi, nuabarimanom, nuabeanom, ɛna, agya ne mma anaasɛ agyapade a ɔbɛkɔ akɔka Asɛmpa no, 30na ɔrennya ofi, nuabarimanom, nuabeanom, ɛnanom, mma ne nsase mmɔho ɔha a ɔtaa nso ka ho! Eyinom nyinaa bɛyɛ ne de wɔ asase yi so, na wiase a ɛreba no mu de, obenya nkwa a enni awiei. 31Na adikanfo pii bedi akyi, na akyikafo abedi kan.”

Yesu wu ne ne wusɔre ho nkɔmhyɛ a ɛto so abien

32Afei, wosiim sɛ wɔrekɔ Yerusalem a na Yesu di wɔn kan; na bere a asuafo no di nʼakyi no, ehu ne suro kaa wɔn. Yesu twee wɔn gyinaa nkyɛn, na ɔsan kaa nneɛma a, sɛ wodu Yerusalem a, ɛbɛba ne so no nyinaa kyerɛɛ wɔn.

33Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ yedu hɔ a, wobeyi me, Onipa Ba, no ama asɔfo mpanyin ne mmara no akyerɛkyerɛfo, na wɔabu me kumfɔ, na wɔde me ahyɛ Roma aban nsa, akum me. 34Wobedi me ho fɛw, na wɔatetew ntasu agu me so, na wɔde mpire atwa me mmaa, na wɔakum me; na nnansa so no, masɔre bio.”

Yakobo ne Yohane abisade

35Afei Sebedeo mma Yakobo ne Yohane baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛpɛ sɛ woyɛ yɛn adɔe bi.”

36Yesu bisaa wɔn se, “Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo.”

37Wobuae se, “Ma yɛn mu baako ntena wo nifa so, na ɔbaako nso ntena wo benkum so wɔ wʼahenni mu hɔ!”

38Nanso, Yesu maa wɔn mmuae se, “Munnim nea mubisa no! Mubetumi anom awerɛhow kuruwa nwenenwene a ɛsɛ sɛ menom ano no ano anaa? Anaasɛ, mubetumi ama wɔde amanehunu asubɔ no abɔ mo asu?”

39Wɔka kyerɛɛ no se, “Yebetumi!” Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mubetumi anom me kuruwa ano, na wɔde asubɔ a wɔde bɔ me no abɔ mo; 40nanso minni tumi sɛ miyi wɔn a wɔbɛtena me nifa anaa me benkum so no. Onyankopɔn nko ara na ɔde saa afa no bɛma wɔn a wɔasiesie hɔ ama wɔn no.”

41Asuafo a aka no tee nea Yakobo ne Yohane kobisae no, anyɛ wɔn dɛ.

42Enti, Yesu frɛɛ wɔn ka kyerɛɛ wɔn se, “Munim sɛ ahene ne atumfo a wɔwɔ wiase no di wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no so, 43nanso mo de, ɛnte saa wɔ mo ho. Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛse wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo somfo. 44Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ne nuanom so panyin no ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔn nyinaa akoa. 45Me a meyɛ Onipa Ba no, mamma sɛ wɔnsom me na mmom, mebae sɛ merebɛboa afoforo, na mede me kra ayɛ mpata ama nnipa pii.”

Onifuraefo bi ade hu

46Yesu ne nʼasuafo no beduu Yeriko. Wɔrefi kurow no mu no, nnipakuw tu dii wɔn akyi. Saa bere a Yesu retwam no, na Timoteo ba Bartimeo, onifuraefo no, te kwankyɛn, resrɛsrɛ ade.

47Bere a Bartimeo tee sɛ Yesu Nasaretni na ɔretwam no, ofitii ase teɛteɛɛm se, “Dawid Ba Yesu, hu me mmɔbɔ!”

48Nnipa no bi teɛteɛɛ no se, “Mua wʼano!” Nanso ɔkɔɔ so teɛteɛɛm dennen se, “Dawid ba, hu me mmɔbɔ!”

49Bere a Yesu tee ne nne no, ogyina kae se, “Momfrɛ no mma me.” Wɔfrɛɛ onifuraefo no ka kyerɛɛ no se, “Ma wo bo ntɔ wo yam, sɔre na ɔrefrɛ wo!”

50Bartimeo tow ne ntama gui, sɔre baa Yesu nkyɛn.

51Yesu bisaa no se, “Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ mema wo?” Onifuraefo no buae se, “Kyerɛkyerɛfo, mepɛ sɛ mihu ade!”

52Yesu ka kyerɛɛ no se, “Kɔ, na wo gyidi agye wo.” Na ntɛm ara onifuraefo no huu ade, na odii Yesu akyi.

Copyright information for TwiNAK